Nnwom 108
Nkwa Asem
Mpae a wɔbɔ tia atamfo
108 Mewɔ gyidi, O Onyankopɔn! Mɛto dwom makamfo wo! Me kra, keka wo ho!
2 Me sanku ne me bɛnta, monkeka mo ho! Mɛma owia akeka ne ho. 3 O Awurade, mɛda wo ase aka aman ho! Meyi wo ayɛ aka nnipa ho. 4 Wo dɔ a wowɔ daa no adu ɔsoro atifi, na wo nokware kɔka wim. 5 Kyerɛ wo kɛseyɛ wɔ soro, O Onyankopɔn, ne w’anuonyam wɔ asase so nyinaa. 6 Fa wo tumi gye yɛn nkwa; bua me mpaebɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wubegye nkurɔfo a wodɔ wɔn no.
7 Onyankopɔn aka wɔ ne kronkron mu kronkron hɔ se, “Ahurusi mu, mɛkyɛ Sekem mu na makyekyɛ Sukot Bon no mu ama me nkurɔfo. 8 Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara; Efraim yɛ me dade kyɛw, ɛnna Yuda nso yɛ m’adehye akyeampoma. 9 Nanso mede Moab bɛyɛ me guasɛn na matow me mpaboa agu Edom so de akyerɛ sɛ ɔyɛ me de. Mɛteɛm ahurusi so magu Filistifo so.”
10 O Onyankopɔn, hena na ɔde me bɛkɔ kurow a wɔrewɛn no mu? Hena na ɔde me bɛkɔ Edom?
11 Nokware sɛ woapo yɛn anaa? Woremfa yɛn nsraadɔm ntu sa anaa? 12 Boa yɛn na yentumi nnyina yɛn atamfo anim; ɔdasani mmoa nni mu. 13 Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim; obedi yɛn atamfo so.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.